nsamrane lyrics by akua serwaa bonsu
Score And Sing Score And Sing
890 subscribers
45,490 views
475

 Published On May 8, 2023

nsamrane by akua serwaa bonsu lyrics
Get full lyrics ; https://scoreandsing.com/download-aku...

Nsamerane Lyrics – Akua Serwaa Bonsu
Scatting:
Shupiirupirupiro, Shupaaruparupiro
Shupiirupirupira, paruparupi
Roparuparupiro
Shupiirupirupira, paruparupi
Roparuparupiro

Chorus 1:
Nyame (ayɛ bi ama me)
Mmm Enti (meyi wo din nayɛ)
Osansɛ wo yɛ Ɔhene kɛse nti
Me bɔ wo nsammrane
Wo so (boroso adi nyina)
Mɛma (wo din kɛse no so)
Osansɛ wo yɛ Ɔhene kɛse nti
Mɛ bɔ wo nsammrane

Verse 1:
Abodin abo mmrane a, mmrane sɛ wo
Kotweamansan wo din ne wo ho nam sɛ wo
Totrobonsu Nyame
(Medeɛ me bɔ wo nsammrane)

Dombarima Nyame ne wo (uuu)
Ɔseadeɛyɛ Nyame ne wo (uuu)
Wo na wokaa ɛba mu
(Na wohyɛ nso a egyina)

Wo yɛ Onyame kɛse
Wo som me bo ampa
Mɛkamfo wo din, ne mu nnwuma
Na mebɔ wo nsammrane

Wo yɛ Onyame kɛse
Wo som me bo ampa
Mɛkamfo wo din, ne mu wo nnwuma
Na mebɔ wo nsammrane

Interlude

Verse 2:
Mɛma wo din so akyerɛ aman
Mmasan nyinaa bɛ hunu sɛ
Wo yɛ ahonoabobrim Nyame
Ɔseadeɛyɛ Nyame ne wo

Wo na w’adi owuo so nkunim
Asamaado nsafoa nso kura wo
Tete botan Nyame ne wo a
(Yɛ twere woaaa yɛn pa nhwi ara da o)

Me hwɛ wo nsatea ne wo nnwuma
Ɔsrane ne nsroma wa siesie a
(Eeeeiii Awurade)
(Hwan koraa na ɔne wo sɛ oooo)

Wo kasa ma ɛpo mframa yɛ din
Ɔsoro ne asaase tumii hyɛ wɔnsa
Ɔkasaprɛko Nyame ne woaaa
(Mebɔ wo din akyerɛ aman oooo)

Wonsa no nnwuma nyinaara
Di Wo ho adanseɛ sɛ
Oboaadeɛ Nyame ne wo ampa
Kotodwe nyina koto wo o
Tekyerɛma nyina bɛbom aka sɛ
Wo yɛ Onyame kokrokoo

Wonsa no nnwuma nyinaara
Di Wo ho adanseɛ sɛ
Oboaadeɛ Nyame ne wo ampa
Kotodwe nyina koto wo o
Tekyerɛma nyina bɛbom aka sɛ
Wo yɛ Onyame kokrokoo

Interlude 2

Repeat Verse 2

Interlude 3

Repeat Chorus

Repeat Verse 1



Turnaround (4x)
Mɛkamfo wo din, ne mu nnwuma
Na mebɔ wo nsammrane

Scatting (2x)
Shupiirupirupira, paruparupi
Roparuparupiro

Turnaround (2x)
Mɛkamfo wo din, ne mu nnwuma
Na mebɔ wo nsammrane

Scatting (4x)
Shupiirupirupira, paruparupi
Roparuparupiro

Song by Akua Serwaa Bonsu

show more

Share/Embed